Isaiah 61:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me na ɔde trenee atade yuu awura me, sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.