Isaiah 61:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo nso ma aba nyini no, saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie apue wɔ amanaman anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma tenenee ne ayeyie afifiri amanaman nyinaa anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma tenenee ne ayeyie afifiri amanaman nyinaa anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛnea asase ma afifide pue na turo nso ma aba nyin no, saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi apue wɔ amanaman anim.