Isaiah 61:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu, ne wɔn mma wɔ aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu, ne wɔn mma wɔ aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobehu wɔn asefo, amanaman mu, ne wɔn mma, aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”