Isaiah 62:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sion enti, merenyɛ komm, Yerusalem enti, merenyɛ dinn, kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee hann, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sion nti, merenyɛ komm, Yerusalem nti, merenyɛ dinn, kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.