Isaiah 62:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade abɔ no dawuro akɔsi nsase ano sɛ, “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, AWURADE ama wɔate akodu asase awiei noho sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ”