Isaiah 63:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no, saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ. Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE honhom ma wɔhomee sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, Awurade Honhom ma wɔhomee. Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.