Isaiah 63:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Me nko ara atiatia nsakyiamena so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu; wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu, maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu, na aman sofoɔ mu biara nka me ho; na matiatia wɔn so m’abufuo mu, na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu, na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu, na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu, na aman sofoɔ mu biara nka me ho; na matiatia wɔn so m’abufuo mu, na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu, na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu, na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu, na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Me nko ara atiatia nsakyiamoa so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu; wɔn mogya bɔ petee me ntade mu, maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.