Isaiah 64:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew, na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi; yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.