Isaiah 65:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu; na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam; ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no, na ahunta afiri m’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu; na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam; ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no, na ahunta afiri m’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no, bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu. Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi na wɔde behintaw me.