Isaiah 66:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na ɛma ɛbae ana?” Awurade na ose. “Obi a mʼani sɔ no ni: nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.