Isaiah 7:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi, na ayi bɔdwesɛ nso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi, na ayi bɔgyesɛ nso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛda no ara na Awurade de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asaria hene no, beyi eti ne anan ho nwi, na ayi bogyesɛ nso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso.