Isaiah 9:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya, ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya, ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya; ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no, na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.