James 2:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ nea ɔkae se: Nsɛe aware no, ɔkae nso se: Nni awu! Na sɛ wonsɛe aware na wudi awu a, na woayɛ mmara no tofo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.