James 2:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.” Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.”