James 3:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no.