James 4:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya, efisɛ mummisa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn.