Jeremiah 10:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman a wɔnnye wo ntom no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ma w’abufuhyew ngu amanaman a wonnim wo no so, ne nkurɔfo a wɔmmɔ wo din no so, efisɛ wɔatetew Yakob, wɔatetew no amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Efisɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.