Jeremiah 12:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwɔ mu sɛ mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim wɔ me nkurɔfo mu.