Jeremiah 13:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ abɔsoɔ kyekyere onipa asene mu no saa ara na mede Israel efie ne Yudafie nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfoɔ a wɔbɛma me din so, aka mʼayɛyie na wɔahyɛ me animuonyam, nanso wɔntiee me,’ deɛ Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛnea abɔso fam onipa asen no, saa ara na mama Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔnyɛ me ɔman ne din ne ayeyi ne anuonyam; nanso wɔantie.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea abɔso kyekyere onipa asen no, saa ara na mede Israelfi ne Yudafi nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfo a wɔbɛma me din so, aka mʼayeyi na wɔahyɛ me anuonyam, nanso wɔantie me,’ nea Awurade se ni.