Jeremiah 13:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtotow wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmabarima nyinaa, Awurade na ose. Meremma ahummɔbɔ anaa ayamye anaa ayamhyehye nsiw ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho kwan.’ ”