Jeremiah 14:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti sɛ, AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu.