Jeremiah 14:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wayɛ basaa, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnyaw yɛn hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi, sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Awurade na wo din da yɛn so; nnyaw yɛn mu!