Jeremiah 15:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti sei na Awurade seɛ, “Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio na wasom me; sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a, wobɛyɛ me kasamafoɔ. Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn, na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba; na woabɛgyina m’anim; na sɛ woka nyansasɛm daa a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba; na woabɛgyina m’anim; na sɛ woka nyansasɛm daa a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti sɛɛ na Awurade se, “Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio na woasom me; sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a, wobɛyɛ me kasamafo. Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn, na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.