Jeremiah 15:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom; wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano; wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu, na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano, na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu, na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu, na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano, na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu, na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se: “ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu; wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’