Jeremiah 16:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, mɛtu mo afiri saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaa sɛ mo agyanom nnim so, na ɛhɔ mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo, na merenhunu mo mmɔbɔ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
enti mɛtow mo afi asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim so, na moakɔsom anyame foforo hɔ, awia ne anadwo, efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, metu mo afi saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaasɛ mo agyanom nnim so, na mobɛsom anyame foforo wɔ hɔ awia ne anadwo, na merenhu mo mmɔbɔ.’