Jeremiah 16:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Ɛfiri sɛ mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii atifi fam asase so ne nsaase a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ nyinaa so no te ase yi. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
mmom, wɔbɛka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi nea oyii Israelfo fii atifi fam asase ne aman a otuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Efisɛ mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no no so.