Jeremiah 17:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobefi Yuda nkurow mu ne nea ɛwowɔ Yerusalem ho ne Benyamin asase so ne mmepɔw ase ne mmepɔw so ne nifa fam aba de ɔhyew afɔre ne okum afɔre ne aduan ayɛyɛde ne aduhuam aba, na wɔde ayeyi afɔre aba AWURADE fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.