Jeremiah 18:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa? Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri gyae sene anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Lebanon sukyerɛmma pa Sirion abotan no so? Amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsene no bɛwe anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Lebanon sukyerɛmma pa Sirion abotan no so? Amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsene no bɛwe anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So Lebanon sukyerɛma pa asase so botantim no? So amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsen no bɛyow?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no yera fi nʼabotan a esian no so ana? So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri no gyae sen ana?