Jeremiah 18:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa? Nanso wɔatu amena ama me. Kae sɛ megyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa? Nso wɔatu amena ama me kra. Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim sɛ meresrɛ papa ama wɔn, sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa? Nso wɔatu amena ama me kra. Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim sɛ meresrɛ papa ama wɔn, sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu? Nso wɔatu amoa ama me kra, Kae sɛnea migyinaa w’anim sɛ mereka papa mama wɔn, na mede asan w’abufuw afi wɔn so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana? Nanso wɔatu amoa ama me. Kae sɛ migyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn, sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.