Jeremiah 18:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade a ɔreyɛ, sɛ ɔnwemfo nsam dɔte no, sɛee. Na ɔsan de yɛɛ ade foforo, sɛnea ɛteɛ ɔnwemfo no ani so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.