Jeremiah 2:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa? Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Israel yɛ akoa? Ɔyɛ efienipa? Adɛn nti na wadane fomfa adeɛ yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Israel yɛ akoa? Ɔyɛ efienipa? Adɛn nti na wadane fomfa adeɛ yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So Israel yɛ akoa? Israel yɛ ofienipa? Ɛdɛn nti na wadan afow ade yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana? Adɛn nti na wayɛ asade yi?