Jeremiah 2:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi, wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnyɛ wo ara na wode yei baa wo soɔ, sɛ wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, berɛ a ɔde wo nam ɔkwan no soɔ no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnyɛ wo ara na wode yei baa wo soɔ, sɛ wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, berɛ a ɔde wo nam ɔkwan no soɔ no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi, wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?