Jeremiah 2:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei adɛn nti na wokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsu? Na adɛn nti na wokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsu?