Jeremiah 2:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Meduaa wo sɛ bobe amapa a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, matɛw wo bobe pa ma wufi nea eye nko ara mu, na ɛyɛɛ dɛn na woadan me amannɔne bobe nhama yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Miduaa wo sɛ bobe ankasa a efi bobe a ase ye pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?