Jeremiah 2:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo, ne ɔboɔ nso sɛ: Wo na wowoo me, no; ɛfiri sɛ wɔadanedane wɔn akyiri akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo, ne ɔboɔ nso sɛ: Wo na wowoo me, no; ɛfiri sɛ wɔadanedane wɔn akyiri akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo! Ne ɔbo nso sɛ: Wo na wowoo me! No; efisɛ wɔadannan wɔn akyi akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu bere mu de, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se, ‘Bra begye yɛn!’