Jeremiah 2:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Metwee mo nkurɔfo aso kwa; wɔamfa me nteɛso. Wʼafoa akunkum wʼadiyifo te sɛ gyata a nʼani abere.