Jeremiah 2:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ a wo nsa gu wo tiri so. Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛhɔ nso na wobɛfiri aba a wode wo nsa agu wo tire, ɛfiri sɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn soɔ no, na worenni yie wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛhɔ nso na wobɛfiri aba a wode wo nsa agu wo tire, ɛfiri sɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn soɔ no, na worenni yie wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛhɔ nso na wubefi aba a wode wo nsa agu wo ti, efisɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn so no, na worenni yiye wɔn nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei wubefi saa beae hɔ a wo nsa gu wo ti so. Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo.