Jeremiah 2:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE se ni: Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne nea Awurade se: “Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ? Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi, maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.