Jeremiah 20:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasur na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasur na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade kyee no, Pashur tuu Yeremia fii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pashur a ase ne: Ahosɛpɛw no na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib. Saa din yi ase ne: Ehu wɔ afa nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “ Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.