Jeremiah 21:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu, na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu, na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛba mabetua mo ka sɛ mo nsɛnnii aba te no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɔ ogya, ne kwae mu, na ahyew nneɛma nyinaa ahyia ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe, Awurade na ose. Mɛto mo kwae mu gya, a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’ ”