Jeremiah 21:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛno akyi no, AWURADE asɛm ni, meyi Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kurow yi mu a wɔafi owuyare ne afoa ne ɔkɔm mu no mahyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wakunkum wɔn afoa ano, ɔrenkora wɔn so na ɔrenhu mma wɔn na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’