Jeremiah 22:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid agua so no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apon yi mu ba mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu.