Jeremiah 22:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mudi asɛm yi so ampa a, ɛnne ahene a ɛtete Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa ofi yi apon akɛse mu aba mu, ɔno ne ne nkoa ne ne man.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

Recommended Reading