Jeremiah 23:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me ara mɛboa me nguan nkae no ano mafi nsaase a mapam wɔn makɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn mɛsan maba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw.