Jeremiah 24:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛsoma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm akɔ wɔn so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’ ”