Jeremiah 24:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiedie, na mɛsane de wɔn aba ha bio. Mɛsiesie wɔn na merensɛe wɔn. Mɛdua wɔn, na merentu wɔn ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so, na mede wɔn masan maba asase yi so, na mede wɔn mesisi hɔ, na merennwiriw wɔn, na medua wɔn, na merentutu wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase.