Jeremiah 24:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhunu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.