Jeremiah 25:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne atifi fam ahemfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahennie ahodoɔ a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyiri anom.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne atifi fam ahemfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahennie ahodoɔ a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyiri anom.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne benkum fam ahene nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahenni horow a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.