Jeremiah 26:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛdɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Ofi yi bɛyɛ sɛ Silo, na kurow yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa behyiaa AWURADE fi hyɛɛ Yeremia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.