Jeremiah 28:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’ ” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hanania kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛbubu Babelhene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu, ɛha mfeɛ mmienu pɛ! Na Yeremia sii mu kɔɔ ne kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hanania kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛbubu Babelhene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu, ɛha mfeɛ mmienu pɛ! Na Yeremia sii mu kɔɔ ne kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hanania kae ɔman no nyinaa anim sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mebubu Babel hene Nebukadnesar kɔndua no afi amanaman nyinaa kɔn so, ɛha mfe abien pɛ! Na Yeremia siim kɔɔ ne kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.